Afotuo
asoɔden nti na panyin wɔ fie.
enti sɛ yɛtu wo fo a, ɛyɛ a tie.
abranteɛ, ababaawa, kata wo ho sie.
na gyae sɛ wotetɛ mfikyiremfikyire.
esum ase agoro bɔne na woredie.
ei!, mehunu yɛ anka, na aka akyire.
sɛ anka wobɛberɛ w'aso ase, anya anidie
ama afotuo a, nka wobɛnya anoyie,
a awieɛ no, ɛbɛsi wo yie,
ama wo kra nso adi ahurisie.
ɔyi, ne me nkotosrɛ;...
"memma wiase mu nnoɔma nnyɛ me afɛfɛdeɛ
a ɛbɛma me ahwere me nkwagyeɛ.
nkwagyeɛ a, ɛno ne me daakye anigyeɛ"
m'afotuo nie... nneɛ ɔwɔ aso ntie
m'ano asi... medaase!
Comments
Post a Comment