"Mama" yɛ "Ɔmama"

                  Na mennim da
             Kɔsi sɛ Ɔdomankoma
        De ne nimdeɛ bɛhyɛɛ me ma
                   Aa, ɛyɛ ampa!...
                Saa woyɛ "ɔmama"
         Ɛno nti na yɛfrɛ wo "mama"
     Efirisɛ, woyɛ w'afam deɛ sɛ Ɛna
       Nanso eduru nneɛ ɛden nso a,
              wo gyinam' sɛ Agya
      "Your role is very demanding
             and a great rewarding"
Ɛno nti na Ɔnyankopɔn adom wo nhyira
                           Ɛnapa!
              Mo!, ne adwumapa

Comments

Popular Posts